Native Bible

Ezekiel 28:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na anka wʼakwan ho nni asɛm ɛfiri ɛda a wɔbɔɔ woɔ no kɔsii sɛ wɔhunuu amumuyɛ wɔ wo mu.

Ezekiel 28:15 in English

Ezekiel 28:15 · Berean Standard Bible

From the day you were created you were blameless in your ways— until wickedness was found in you.

Context

13Na anka wowɔ Eden Onyankopɔn turo no mu. Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo: bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ, aboɔdemmoɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ. Wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛdeɛ, wɔsiesiee ne nyinaa ɛda a wɔbɔɔ woɔ. 14Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfoɔ Kerub, ɛfiri sɛ saa na mehyɛɛ woɔ. Na wowɔ Onyankopɔn bepɔ kronkron no so; wonantee ogya aboɔ mu. 15Na anka wʼakwan ho nni asɛm ɛfiri ɛda a wɔbɔɔ woɔ no kɔsii sɛ wɔhunuu amumuyɛ wɔ wo mu. 16Wʼadwadie a emu trɛ no enti wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma na woyɛɛ bɔne. Ɛno enti mepamoo wo firii Onyankopɔn bepɔ no so wɔ animguaseɛ mu, na meyii wo adi, Ao ɔhwɛfoɔ Kerub, firii ogya aboɔ no mu. 17Wo horanee wɔ wʼakoma mu wʼahoɔfɛ enti, na womaa wo nyansa porɔeɛ, wʼanimuonyam no enti. Enti metoo wo twenee fam; na mede wo yɛɛ ahwɛdea wɔ ahemfo anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.