Native Bible

Ezekiel 28:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wo horanee wɔ wʼakoma mu wʼahoɔfɛ enti, na womaa wo nyansa porɔeɛ, wʼanimuonyam no enti. Enti metoo wo twenee fam; na mede wo yɛɛ ahwɛdea wɔ ahemfo anim.

Ezekiel 28:17 in English

Ezekiel 28:17 · Berean Standard Bible

Your heart grew proud of your beauty; you corrupted your wisdom because of your splendor; so I cast you to the earth; I made you a spectacle before kings.

Context

15Na anka wʼakwan ho nni asɛm ɛfiri ɛda a wɔbɔɔ woɔ no kɔsii sɛ wɔhunuu amumuyɛ wɔ wo mu. 16Wʼadwadie a emu trɛ no enti wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma na woyɛɛ bɔne. Ɛno enti mepamoo wo firii Onyankopɔn bepɔ no so wɔ animguaseɛ mu, na meyii wo adi, Ao ɔhwɛfoɔ Kerub, firii ogya aboɔ no mu. 17Wo horanee wɔ wʼakoma mu wʼahoɔfɛ enti, na womaa wo nyansa porɔeɛ, wʼanimuonyam no enti. Enti metoo wo twenee fam; na mede wo yɛɛ ahwɛdea wɔ ahemfo anim. 18Wode wo nnebɔne ne adwadie mu nsisie agu wo kronkrommea ho fi, ɛno enti memaa ogya firii wo mu na ɛhyee wo, na mema wo danee nsõ wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim. 19Aman a na wɔnim woɔ nyinaa ho adwiri wɔn wɔ wo ho: wʼawieeɛ ayɛ ahomete na wɔrenhunu wo bio.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.