Native Bible

Ezekiel 28:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

Ezekiel 28:1 in English

Ezekiel 28:1 · Berean Standard Bible

And the word of the LORD came to me, saying,

Context

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Wofiri wʼahantan akoma mu ka sɛ, “Meyɛ onyame; mete onyame bi ahennwa so wɔ ɛpo mfimfini.” Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame, ɛwom, wodwene sɛ wonim nyansa sɛ onyame bi. 3Wonim nyansa sene Daniel anaa? Wonim kokoamsɛm biara anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.