Hesekiel 27:30
Ezekiel 27:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛma wɔn ɛnne so asu osu yaaya ama wo; wɔbɛpete mfuturo agu wɔn tiri so na wɔayantanyantam nsõ mu.
Ezekiel 27:30 in English
Ezekiel 27:30 · Berean Standard Bible
They will raise their voices for you and cry out bitterly. They will throw dust on their heads and roll in ashes.
Context
28Mpoano asase bɛwoso
ɛberɛ a wo hyɛn mufoɔ no reteateam. 29Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaa
bɛgya wɔn ahyɛn hɔ;
hyɛn akwankyerɛfoɔ ne hyɛn mufoɔ nyinaa
bɛgyinagyina mpoano. 30Wɔbɛma wɔn ɛnne so
asu osu yaaya ama wo;
wɔbɛpete mfuturo agu wɔn tiri so
na wɔayantanyantam nsõ mu. 31Wo enti wɔbɛbobɔ tikwa
na wɔafirafira ayitoma.
Wɔde ɔkra mu ahoyera
ne awerɛhoɔ a emu yɛ den
bɛgyam wo. 32Ɛberɛ a wɔretwa adwo redi awerɛhoɔ no,
wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so sɛ:
“Hwan na wama no atɔre mumu
te sɛ Tiro a ɛpo atwa ne ho ahyia yi?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.