Native Bible

Ezekiel 27:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaa bɛgya wɔn ahyɛn hɔ; hyɛn akwankyerɛfoɔ ne hyɛn mufoɔ nyinaa bɛgyinagyina mpoano.

Ezekiel 27:29 in English

Ezekiel 27:29 · Berean Standard Bible

All who handle the oars will abandon their ships. The sailors and all the captains of the sea will stand on the shore.

Context

27Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛ wʼahyɛn kwankyerɛfoɔ, wʼahyɛn mufoɔ ne wɔn a wɔtuatua wʼahyɛn mu ntokuro, wʼadwadifoɔ ne wʼasraafoɔ nyinaa, ne obiara a ɔwɔ ɛhyɛn no mu bɛmem akɔ ɛpo ase tɔnn ɛda a wo hyɛn no bɛbɔ. 28Mpoano asase bɛwoso ɛberɛ a wo hyɛn mufoɔ no reteateam. 29Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaa bɛgya wɔn ahyɛn hɔ; hyɛn akwankyerɛfoɔ ne hyɛn mufoɔ nyinaa bɛgyinagyina mpoano. 30Wɔbɛma wɔn ɛnne so asu osu yaaya ama wo; wɔbɛpete mfuturo agu wɔn tiri so na wɔayantanyantam nsõ mu. 31Wo enti wɔbɛbobɔ tikwa na wɔafirafira ayitoma. Wɔde ɔkra mu ahoyera ne awerɛhoɔ a emu yɛ den bɛgyam wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.