Hesekiel 27:28
Ezekiel 27:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mpoano asase bɛwoso ɛberɛ a wo hyɛn mufoɔ no reteateam.
Ezekiel 27:28 in English
Ezekiel 27:28 · Berean Standard Bible
The countryside will shake when your sailors cry out.
Context
26Wʼaharefoɔ no fa wo
de wo kɔ ɛpo so akyirikyiri
nanso apueeɛ ahum bɛbubu wo mu nketenkete
wɔ ɛpo no mfimfini. 27Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛ
wʼahyɛn kwankyerɛfoɔ, wʼahyɛn mufoɔ ne
wɔn a wɔtuatua wʼahyɛn mu ntokuro,
wʼadwadifoɔ ne wʼasraafoɔ nyinaa,
ne obiara a ɔwɔ ɛhyɛn no mu
bɛmem akɔ ɛpo ase tɔnn
ɛda a wo hyɛn no bɛbɔ. 28Mpoano asase bɛwoso
ɛberɛ a wo hyɛn mufoɔ no reteateam. 29Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaa
bɛgya wɔn ahyɛn hɔ;
hyɛn akwankyerɛfoɔ ne hyɛn mufoɔ nyinaa
bɛgyinagyina mpoano. 30Wɔbɛma wɔn ɛnne so
asu osu yaaya ama wo;
wɔbɛpete mfuturo agu wɔn tiri so
na wɔayantanyantam nsõ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.