Native Bible

Ezekiel 27:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wʼaharefoɔ no fa wo de wo kɔ ɛpo so akyirikyiri nanso apueeɛ ahum bɛbubu wo mu nketenkete wɔ ɛpo no mfimfini.

Ezekiel 27:26 in English

Ezekiel 27:26 · Berean Standard Bible

Your oarsmen have brought you onto the high seas, but the east wind will shatter you in the heart of the sea.

Context

24Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa. 25“ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma sɛ asoafoɔ ma wʼadwadideɛ. Adesoa duruduru ayɛ wo ma wɔ ɛpo no mfimfini. 26Wʼaharefoɔ no fa wo de wo kɔ ɛpo so akyirikyiri nanso apueeɛ ahum bɛbubu wo mu nketenkete wɔ ɛpo no mfimfini. 27Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛ wʼahyɛn kwankyerɛfoɔ, wʼahyɛn mufoɔ ne wɔn a wɔtuatua wʼahyɛn mu ntokuro, wʼadwadifoɔ ne wʼasraafoɔ nyinaa, ne obiara a ɔwɔ ɛhyɛn no mu bɛmem akɔ ɛpo ase tɔnn ɛda a wo hyɛn no bɛbɔ. 28Mpoano asase bɛwoso ɛberɛ a wo hyɛn mufoɔ no reteateam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.