Hesekiel 27:25
Ezekiel 27:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma sɛ asoafoɔ ma wʼadwadideɛ. Adesoa duruduru ayɛ wo ma wɔ ɛpo no mfimfini.
Ezekiel 27:25 in English
Ezekiel 27:25 · Berean Standard Bible
The ships of Tarshish * carried your merchandise. And you were filled with heavy cargo in the heart of the sea.
Context
23“ ‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa. 24Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa. 25“ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma
sɛ asoafoɔ ma wʼadwadideɛ.
Adesoa duruduru ayɛ wo ma
wɔ ɛpo no mfimfini. 26Wʼaharefoɔ no fa wo
de wo kɔ ɛpo so akyirikyiri
nanso apueeɛ ahum bɛbubu wo mu nketenkete
wɔ ɛpo no mfimfini. 27Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛ
wʼahyɛn kwankyerɛfoɔ, wʼahyɛn mufoɔ ne
wɔn a wɔtuatua wʼahyɛn mu ntokuro,
wʼadwadifoɔ ne wʼasraafoɔ nyinaa,
ne obiara a ɔwɔ ɛhyɛn no mu
bɛmem akɔ ɛpo ase tɔnn
ɛda a wo hyɛn no bɛbɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.