Native Bible

Ezekiel 27:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa.

Ezekiel 27:23 in English

Ezekiel 27:23 · Berean Standard Bible

Haran, Canneh, and Eden traded with you, and so did the merchants of Sheba, Asshur, and Chilmad.

Context

21“ ‘Arabfoɔ ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼadwadifoɔ a wɔde nnwammaa, nnwennini ne mpapo ne wo dii edwa. 22“ ‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa. 23“ ‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa. 24Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa. 25“ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma sɛ asoafoɔ ma wʼadwadideɛ. Adesoa duruduru ayɛ wo ma wɔ ɛpo no mfimfini.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.