Hesekiel 27:24
Ezekiel 27:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa.
Ezekiel 27:24 in English
Ezekiel 27:24 · Berean Standard Bible
In your marketplace they traded with you fine garments of blue, embroidered work, and multicolored rugs with cords tightly twisted and knotted.
Context
22“ ‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa. 23“ ‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa. 24Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa. 25“ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma
sɛ asoafoɔ ma wʼadwadideɛ.
Adesoa duruduru ayɛ wo ma
wɔ ɛpo no mfimfini. 26Wʼaharefoɔ no fa wo
de wo kɔ ɛpo so akyirikyiri
nanso apueeɛ ahum bɛbubu wo mu nketenkete
wɔ ɛpo no mfimfini.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.