Hesekiel 27:12
Ezekiel 27:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ.
Ezekiel 27:12 in English
Ezekiel 27:12 · Berean Standard Bible
Tarshish was your merchant because of your great wealth of goods; they exchanged silver, iron, tin, and lead for your wares.
Context
10“ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima
someeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu.
Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛ
sensɛnee wʼafasuo ho,
de hyɛɛ wo animuonyam. 11Arwad ne Helek mmarima
wɛnee wʼafasuo ho nyinaa.
Gammad mmarima
tenaa wʼaban atentene mu.
Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo ho
maa wʼahoɔfɛ dii mu. 12“ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ. 13“ ‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ. 14“ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfunumu mma bɛsesaa wʼadwadideɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.