Native Bible

Ezekiel 27:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Arwad ne Helek mmarima wɛnee wʼafasuo ho nyinaa. Gammad mmarima tenaa wʼaban atentene mu. Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo ho maa wʼahoɔfɛ dii mu.

Ezekiel 27:11 in English

Ezekiel 27:11 · Berean Standard Bible

Men of Arvad and Helech manned your walls all around, and the men of Gammad were in your towers. They hung their shields around your walls; they perfected your beauty.

Context

9Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn mu sɛ dua dwumfoɔ a wɔtuatua ahyɛn no mu ntokuro. Ɛpo so ahyɛn ne wɔn hyɛn mufoɔ nyinaa baa wo nkyɛn ne wo bɛdii nsesadwa. 10“ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima someeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu. Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛ sensɛnee wʼafasuo ho, de hyɛɛ wo animuonyam. 11Arwad ne Helek mmarima wɛnee wʼafasuo ho nyinaa. Gammad mmarima tenaa wʼaban atentene mu. Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo ho maa wʼahoɔfɛ dii mu. 12“ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ. 13“ ‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.