Hesekiel 27:10
Ezekiel 27:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima someeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu. Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛ sensɛnee wʼafasuo ho, de hyɛɛ wo animuonyam.
Ezekiel 27:10 in English
Ezekiel 27:10 · Berean Standard Bible
Men of Persia, Lydia, and Put served as warriors in your army. They hung their shields and helmets on your walls; they gave you splendor.
Context
8Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn;
wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tiro
na wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu. 9Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn mu
sɛ dua dwumfoɔ a wɔtuatua ahyɛn no mu ntokuro.
Ɛpo so ahyɛn ne wɔn hyɛn mufoɔ nyinaa
baa wo nkyɛn ne wo bɛdii nsesadwa. 10“ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima
someeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu.
Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛ
sensɛnee wʼafasuo ho,
de hyɛɛ wo animuonyam. 11Arwad ne Helek mmarima
wɛnee wʼafasuo ho nyinaa.
Gammad mmarima
tenaa wʼaban atentene mu.
Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo ho
maa wʼahoɔfɛ dii mu. 12“ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.