Native Bible

Ezekiel 27:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn; wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tiro na wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu.

Ezekiel 27:8 in English

Ezekiel 27:8 · Berean Standard Bible

The men of Sidon and Arvad were your oarsmen. Your men of skill, O Tyre, were there as your captains.

Context

6Odum nnua a ɛfiri Basan na wɔde yɛɛ wʼatabono; Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so. 7Misraim nwera papa bi a wadi mu adwini na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatoma a ɛyɛɛ wo frankaa nso; wʼapono ɛne ntokua ano ntoma yɛ bibitoma ne beredumtoma a ɛfiri Elisa mpoano. 8Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn; wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tiro na wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu. 9Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn mu sɛ dua dwumfoɔ a wɔtuatua ahyɛn no mu ntokuro. Ɛpo so ahyɛn ne wɔn hyɛn mufoɔ nyinaa baa wo nkyɛn ne wo bɛdii nsesadwa. 10“ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima someeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu. Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛ sensɛnee wʼafasuo ho, de hyɛɛ wo animuonyam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.