Hesekiel 27:7
Ezekiel 27:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Misraim nwera papa bi a wadi mu adwini na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatoma a ɛyɛɛ wo frankaa nso; wʼapono ɛne ntokua ano ntoma yɛ bibitoma ne beredumtoma a ɛfiri Elisa mpoano.
Ezekiel 27:7 in English
Ezekiel 27:7 · Berean Standard Bible
Of embroidered fine linen from Egypt they made your sail, which served as your banner. Of blue and purple from the coasts of Elishah they made your awning.
Context
5Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaa
yɛ pepeaa a ɛfiri Senir.
Wɔde Lebanon ntweneduro
na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa woɔ. 6Odum nnua a ɛfiri Basan
na wɔde yɛɛ wʼatabono;
Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano
na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so. 7Misraim nwera papa bi a wadi mu adwini
na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatoma
a ɛyɛɛ wo frankaa nso;
wʼapono ɛne ntokua ano ntoma yɛ bibitoma ne beredumtoma
a ɛfiri Elisa mpoano. 8Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn;
wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tiro
na wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu. 9Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn mu
sɛ dua dwumfoɔ a wɔtuatua ahyɛn no mu ntokuro.
Ɛpo so ahyɛn ne wɔn hyɛn mufoɔ nyinaa
baa wo nkyɛn ne wo bɛdii nsesadwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.