Native Bible

Ezekiel 27:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Odum nnua a ɛfiri Basan na wɔde yɛɛ wʼatabono; Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so.

Ezekiel 27:6 in English

Ezekiel 27:6 · Berean Standard Bible

Of oaks from Bashan they made your oars; of wood from the coasts of Cyprus * they made your deck, inlaid with ivory.

Context

4Wo tumidie wɔ ɛpo so akyirikyiri; wʼadansifoɔ maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ 5Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaa yɛ pepeaa a ɛfiri Senir. Wɔde Lebanon ntweneduro na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa woɔ. 6Odum nnua a ɛfiri Basan na wɔde yɛɛ wʼatabono; Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so. 7Misraim nwera papa bi a wadi mu adwini na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatoma a ɛyɛɛ wo frankaa nso; wʼapono ɛne ntokua ano ntoma yɛ bibitoma ne beredumtoma a ɛfiri Elisa mpoano. 8Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn; wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tiro na wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.