Hesekiel 27:13
Ezekiel 27:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ.
Ezekiel 27:13 in English
Ezekiel 27:13 · Berean Standard Bible
Javan,* Tubal, and Meshech were your merchants. They exchanged slaves and bronze utensils for your merchandise.
Context
11Arwad ne Helek mmarima
wɛnee wʼafasuo ho nyinaa.
Gammad mmarima
tenaa wʼaban atentene mu.
Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo ho
maa wʼahoɔfɛ dii mu. 12“ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ. 13“ ‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ. 14“ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfunumu mma bɛsesaa wʼadwadideɛ. 15“ ‘Roda mmarima ne wo dii edwa, na mpoano nkuro bebree yɛɛ wʼadetɔfoɔ a wɔde asonse ne duaboɔ nnua tuaa wo ka.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.