2 Mose 23:16
Exodus 23:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛno akyiri, Otwa Afahyɛ* na ɛdi so. Saa afahyɛ yi duru so a, momfa mo aduanekan mmrɛ me. “Deɛ ɛtwa toɔ yɛ afudeɛ anoboa afahyɛ* a ɛsɛ sɛ wɔdi no ɔtwa berɛ no akyiri.
Exodus 23:16 in English
Exodus 23:16 · Berean Standard Bible
You are also to keep the Feast of Harvest * with the firstfruits of the produce from what you sow in the field. And keep the Feast of Ingathering * at the end of the year, when you gather your produce from the field.
Context
14“Afe biara mu, monhyɛ fa mprɛnsa mfa nhyɛ me animuonyam. 15“Deɛ ɛdi ɛkan no, monni Apiti Afahyɛ. Sɛ ɛduru so a, nnanson mu, obiara nni burodo a mmɔreka nni mu sɛdeɛ mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔbosome Abib* mu, bosome a mode tu firii Misraim no mu.
“Ɛduru saa ɛberɛ no a, obiara mmrɛ me afɔrebɔdeɛ. 16“Ɛno akyiri, Otwa Afahyɛ* na ɛdi so. Saa afahyɛ yi duru so a, momfa mo aduanekan mmrɛ me.
“Deɛ ɛtwa toɔ yɛ afudeɛ anoboa afahyɛ* a ɛsɛ sɛ wɔdi no ɔtwa berɛ no akyiri. 17“Afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa yi mu nyinaa, ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ba Awurade Onyankopɔn anim. 18“Mfa mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no mogya nka burodo a mmɔreka wɔ mu ho mma me.
“Saa ara nso na mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no sradeɛ no, mommma adeɛ nnkye so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.