2 Mose 23:17
Exodus 23:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa yi mu nyinaa, ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ba Awurade Onyankopɔn anim.
Exodus 23:17 in English
Exodus 23:17 · Berean Standard Bible
Three times a year all your males are to appear before the Lord GOD.
Context
15“Deɛ ɛdi ɛkan no, monni Apiti Afahyɛ. Sɛ ɛduru so a, nnanson mu, obiara nni burodo a mmɔreka nni mu sɛdeɛ mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔbosome Abib* mu, bosome a mode tu firii Misraim no mu.
“Ɛduru saa ɛberɛ no a, obiara mmrɛ me afɔrebɔdeɛ. 16“Ɛno akyiri, Otwa Afahyɛ* na ɛdi so. Saa afahyɛ yi duru so a, momfa mo aduanekan mmrɛ me.
“Deɛ ɛtwa toɔ yɛ afudeɛ anoboa afahyɛ* a ɛsɛ sɛ wɔdi no ɔtwa berɛ no akyiri. 17“Afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa yi mu nyinaa, ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ba Awurade Onyankopɔn anim. 18“Mfa mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no mogya nka burodo a mmɔreka wɔ mu ho mma me.
“Saa ara nso na mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no sradeɛ no, mommma adeɛ nnkye so. 19“Sɛ motwa mo mfudeɛ a, momfa otwakane mu nyiyimu a ɛsɔ ani mmrɛ me; wɔde bɛma Awurade mo Onyankopɔn.
“Nnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.