2 Mose 23:18
Exodus 23:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mfa mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no mogya nka burodo a mmɔreka wɔ mu ho mma me. “Saa ara nso na mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no sradeɛ no, mommma adeɛ nnkye so.
Exodus 23:18 in English
Exodus 23:18 · Berean Standard Bible
You must not offer the blood of My sacrifices with anything leavened, nor may the fat of My feast remain until morning.
Context
16“Ɛno akyiri, Otwa Afahyɛ* na ɛdi so. Saa afahyɛ yi duru so a, momfa mo aduanekan mmrɛ me.
“Deɛ ɛtwa toɔ yɛ afudeɛ anoboa afahyɛ* a ɛsɛ sɛ wɔdi no ɔtwa berɛ no akyiri. 17“Afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa yi mu nyinaa, ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ba Awurade Onyankopɔn anim. 18“Mfa mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no mogya nka burodo a mmɔreka wɔ mu ho mma me.
“Saa ara nso na mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no sradeɛ no, mommma adeɛ nnkye so. 19“Sɛ motwa mo mfudeɛ a, momfa otwakane mu nyiyimu a ɛsɔ ani mmrɛ me; wɔde bɛma Awurade mo Onyankopɔn.
“Nnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu. 20“Meresoma ɔbɔfoɔ na wadi mo anim de mo akɔ asase a masiesie ama mo no so dwoodwoo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.