2 Mose 23:14
Exodus 23:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Afe biara mu, monhyɛ fa mprɛnsa mfa nhyɛ me animuonyam.
Exodus 23:14 in English
Exodus 23:14 · Berean Standard Bible
Three times a year you are to celebrate a feast to Me.
Context
12“Nnansia na fa yɛ adwuma na home ne nnanson so. Yei bɛma wʼanantwie, wo mfunumu, wo fiefoɔ, wʼasomfoɔ ne wʼahɔhoɔ nso ahome. 13“Monni nsɛm a maka yi nyinaa so na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ mobɔ onyame foforɔ biara din. 14“Afe biara mu, monhyɛ fa mprɛnsa mfa nhyɛ me animuonyam. 15“Deɛ ɛdi ɛkan no, monni Apiti Afahyɛ. Sɛ ɛduru so a, nnanson mu, obiara nni burodo a mmɔreka nni mu sɛdeɛ mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔbosome Abib* mu, bosome a mode tu firii Misraim no mu.
“Ɛduru saa ɛberɛ no a, obiara mmrɛ me afɔrebɔdeɛ. 16“Ɛno akyiri, Otwa Afahyɛ* na ɛdi so. Saa afahyɛ yi duru so a, momfa mo aduanekan mmrɛ me.
“Deɛ ɛtwa toɔ yɛ afudeɛ anoboa afahyɛ* a ɛsɛ sɛ wɔdi no ɔtwa berɛ no akyiri.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.