Native Bible

Exodus 23:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Monni nsɛm a maka yi nyinaa so na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ mobɔ onyame foforɔ biara din.

Exodus 23:13 in English

Exodus 23:13 · Berean Standard Bible

Pay close attention to everything I have said to you. You must not invoke the names of other gods; they must not be heard on your lips.

Context

11Na mfeɛ nson so deɛ, ma asase no nna hɔ kwa na ma ahiafoɔ ntwa nnɔbaeɛ biara a ɛbɛnyini wɔ so no; nkaeɛ no, gya ma mmoa nwe. Wo bobe turo ne wo ngo dua turo hyɛ saa mmara yi ase. 12“Nnansia na fa yɛ adwuma na home ne nnanson so. Yei bɛma wʼanantwie, wo mfunumu, wo fiefoɔ, wʼasomfoɔ ne wʼahɔhoɔ nso ahome. 13“Monni nsɛm a maka yi nyinaa so na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ mobɔ onyame foforɔ biara din. 14“Afe biara mu, monhyɛ fa mprɛnsa mfa nhyɛ me animuonyam. 15“Deɛ ɛdi ɛkan no, monni Apiti Afahyɛ. Sɛ ɛduru so a, nnanson mu, obiara nni burodo a mmɔreka nni mu sɛdeɛ mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔbosome Abib* mu, bosome a mode tu firii Misraim no mu. “Ɛduru saa ɛberɛ no a, obiara mmrɛ me afɔrebɔdeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.