Native Bible

Exodus 15:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwom ne me nkwagyeɛ. Ɔyɛ me Onyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ mʼagya Onyankopɔn—Mɛma no so.

Exodus 15:2 in English

Exodus 15:2 · Berean Standard Bible

The LORD is my strength and my song, and He has become my salvation. He is my God, and I will praise Him, my father’s God, and I will exalt Him.

Context

1Afei, Mose ne Israelfoɔ too saa dwom yi de kamfoo Awurade: “Mɛto dwom mama Awurade, ɛfiri sɛ, wadi nkonim animuonyam mu; Wato ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no agu ɛpo mu. 2“Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwom ne me nkwagyeɛ. Ɔyɛ me Onyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ mʼagya Onyankopɔn—Mɛma no so. 3Awurade yɛ ɔkofoɔ; Aane, ne din ne Awurade. 4Farao nteaseɛnam ne nʼakodɔm, wato wɔn agu Ama wɔamem Ɛpo Kɔkɔɔ mu. Misraim akofoɔ atitire awuwu asorɔkye ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.