2 Mose 15:3
Exodus 15:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade yɛ ɔkofoɔ; Aane, ne din ne Awurade.
Exodus 15:3 in English
Exodus 15:3 · Berean Standard Bible
The LORD is a warrior, the LORD is His name.
Context
1Afei, Mose ne Israelfoɔ too saa dwom yi de kamfoo Awurade:
“Mɛto dwom mama Awurade, ɛfiri sɛ,
wadi nkonim animuonyam mu;
Wato ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no
agu ɛpo mu. 2“Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwom
ne me nkwagyeɛ.
Ɔyɛ me Onyankopɔn, na mɛkamfo no.
Ɔyɛ mʼagya Onyankopɔn—Mɛma no so. 3Awurade yɛ ɔkofoɔ;
Aane, ne din ne Awurade. 4Farao nteaseɛnam ne nʼakodɔm, wato wɔn agu
Ama wɔamem Ɛpo Kɔkɔɔ mu.
Misraim akofoɔ atitire
awuwu asorɔkye ase. 5Nsuo akata wɔn so.
Wɔmemem subunu mu sɛ ɛboɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.