Native Bible

Exodus 15:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Farao nteaseɛnam ne nʼakodɔm, wato wɔn agu Ama wɔamem Ɛpo Kɔkɔɔ mu. Misraim akofoɔ atitire awuwu asorɔkye ase.

Exodus 15:4 in English

Exodus 15:4 · Berean Standard Bible

Pharaoh’s chariots and army He has cast into the sea; the finest of his officers are drowned in the Red Sea.*

Context

2“Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwom ne me nkwagyeɛ. Ɔyɛ me Onyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ mʼagya Onyankopɔn—Mɛma no so. 3Awurade yɛ ɔkofoɔ; Aane, ne din ne Awurade. 4Farao nteaseɛnam ne nʼakodɔm, wato wɔn agu Ama wɔamem Ɛpo Kɔkɔɔ mu. Misraim akofoɔ atitire awuwu asorɔkye ase. 5Nsuo akata wɔn so. Wɔmemem subunu mu sɛ ɛboɔ. 6Wo nsa nifa, Ao, Awurade, tumi ne animuonyam ahyɛ no ma. Wo nsa nifa, Ao, Awurade, atete atamfoɔ mu pasaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.