Ɔsɛnkafoɔ 2:17
Ecclesiastes 2:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ wɔ owia yi ase no haa me. Ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ, te sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa.
Ecclesiastes 2:17 in English
Ecclesiastes 2:17 · Berean Standard Bible
So I hated life, because the work that is done under the sun was grievous to me. For everything is futile and a pursuit of the wind.
Context
15Afei mesusuu mʼakomam sɛ,
“Ɔkwasea hyɛberɛ bɛto me nso.
Enti sɛ mehunu nyansa a, mfasoɔ bɛn na menya?”
Mekaa wɔ mʼakomam sɛ,
“Yei nso nka hwee.” 16Te sɛ ɔkwasea no, ɔnyansafoɔ nso, wɔrenkae no daa;
nna a ɛreba no mu, wɔrenkae wɔn baanu no.
Te sɛ ɔkwasea no, onyansafoɔ nso bɛwu! 17Ɛno enti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ wɔ owia yi ase no haa me. Ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ, te sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa. 18Mekyirii deɛ mayɛ adwuma apɛ nyinaa wɔ owia yi ase, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ megya hɔ ma deɛ ɔbɛdi mʼadeɛ. 19Na hwan na ɔnim sɛ onipa ko no bɛyɛ onyansafoɔ anaa ɔkwasea? Nanso deɛ mabiri me mogya ani apɛ wɔ owia yi ase nyinaa bɛkɔ ne nsam. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.