Ɔsɛnkafoɔ 2:16
Ecclesiastes 2:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Te sɛ ɔkwasea no, ɔnyansafoɔ nso, wɔrenkae no daa; nna a ɛreba no mu, wɔrenkae wɔn baanu no. Te sɛ ɔkwasea no, onyansafoɔ nso bɛwu!
Ecclesiastes 2:16 in English
Ecclesiastes 2:16 · Berean Standard Bible
For there is no lasting remembrance of the wise, just as with the fool, seeing that both will be forgotten in the days to come. Alas, the wise man will die just like the fool!
Context
14Onyansafoɔ ani wɔ ne tirim,
na ɔkwasea deɛ, ɔnante esum mu;
nanso mehunuu sɛ
wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ pɛ. 15Afei mesusuu mʼakomam sɛ,
“Ɔkwasea hyɛberɛ bɛto me nso.
Enti sɛ mehunu nyansa a, mfasoɔ bɛn na menya?”
Mekaa wɔ mʼakomam sɛ,
“Yei nso nka hwee.” 16Te sɛ ɔkwasea no, ɔnyansafoɔ nso, wɔrenkae no daa;
nna a ɛreba no mu, wɔrenkae wɔn baanu no.
Te sɛ ɔkwasea no, onyansafoɔ nso bɛwu! 17Ɛno enti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ wɔ owia yi ase no haa me. Ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ, te sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa. 18Mekyirii deɛ mayɛ adwuma apɛ nyinaa wɔ owia yi ase, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ megya hɔ ma deɛ ɔbɛdi mʼadeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.