Ɔsɛnkafoɔ 2:15
Ecclesiastes 2:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei mesusuu mʼakomam sɛ, “Ɔkwasea hyɛberɛ bɛto me nso. Enti sɛ mehunu nyansa a, mfasoɔ bɛn na menya?” Mekaa wɔ mʼakomam sɛ, “Yei nso nka hwee.”
Ecclesiastes 2:15 in English
Ecclesiastes 2:15 · Berean Standard Bible
So I said to myself, “The fate of the fool will also befall me. What then have I gained by being wise?” And I said to myself that this too is futile.
Context
13Mehunuu sɛ, nimdeɛ yɛ sene nkwaseasɛm,
sɛdeɛ hann yɛ sene esum no. 14Onyansafoɔ ani wɔ ne tirim,
na ɔkwasea deɛ, ɔnante esum mu;
nanso mehunuu sɛ
wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ pɛ. 15Afei mesusuu mʼakomam sɛ,
“Ɔkwasea hyɛberɛ bɛto me nso.
Enti sɛ mehunu nyansa a, mfasoɔ bɛn na menya?”
Mekaa wɔ mʼakomam sɛ,
“Yei nso nka hwee.” 16Te sɛ ɔkwasea no, ɔnyansafoɔ nso, wɔrenkae no daa;
nna a ɛreba no mu, wɔrenkae wɔn baanu no.
Te sɛ ɔkwasea no, onyansafoɔ nso bɛwu! 17Ɛno enti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ wɔ owia yi ase no haa me. Ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ, te sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.