Native Bible

Ecclesiastes 2:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na hwan na ɔnim sɛ onipa ko no bɛyɛ onyansafoɔ anaa ɔkwasea? Nanso deɛ mabiri me mogya ani apɛ wɔ owia yi ase nyinaa bɛkɔ ne nsam. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

Ecclesiastes 2:19 in English

Ecclesiastes 2:19 · Berean Standard Bible

And who knows whether that man will be wise or foolish? Yet he will take over all the labor at which I have worked skillfully under the sun. This too is futile.

Context

17Ɛno enti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ wɔ owia yi ase no haa me. Ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ, te sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa. 18Mekyirii deɛ mayɛ adwuma apɛ nyinaa wɔ owia yi ase, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ megya hɔ ma deɛ ɔbɛdi mʼadeɛ. 19Na hwan na ɔnim sɛ onipa ko no bɛyɛ onyansafoɔ anaa ɔkwasea? Nanso deɛ mabiri me mogya ani apɛ wɔ owia yi ase nyinaa bɛkɔ ne nsam. Yei nso yɛ ahuhudeɛ. 20Enti mepaa aba wɔ owia yi ase adwumaden ho. 21Na onipa bɛfiri ne nimdeɛ, nyansa ne adwumayɛ ho nimdeɛ mu ayɛ nʼasɛdeɛ, na afei ɛsɛ sɛ ogya nʼadwumayɛ so aba ma obi a ɔnyɛɛ adwuma biara. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛha adwene.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.