Ɔsɛnkafoɔ 11:6
Ecclesiastes 11:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dua wʼaba anɔpa, na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho, na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, sɛ yei anaa yei anaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie.
Ecclesiastes 11:6 in English
Ecclesiastes 11:6 · Berean Standard Bible
Sow your seed in the morning, and do not rest your hands in the evening, for you do not know which will succeed, whether this or that, or if both will equally prosper.
Context
4Obiara a ɔtwɛn ewiem nsakraeɛ no rennua,
na deɛ ɔhwɛ omununkum no nso rentwa. 5Sɛdeɛ wonhunu ɛkwan a mframa nam soɔ,
anaa sɛdeɛ wɔnwono onipadua wɔ yafunu mu no,
saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase.
Adeɛ nyinaa Yɛfoɔ no. 6Dua wʼaba anɔpa,
na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho,
na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie,
sɛ yei anaa yei
anaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie. 7Hann yɛ fɛ;
na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ɔhunu owia. 8Mfeɛ dodoɔ a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa
ɛsɛ sɛ ɔnya ahotɔ.
Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne
na ɛbɛdɔɔso.
Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhudeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.