Ɔsɛnkafoɔ 11:8
Ecclesiastes 11:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mfeɛ dodoɔ a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa ɛsɛ sɛ ɔnya ahotɔ. Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne na ɛbɛdɔɔso. Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhudeɛ.
Ecclesiastes 11:8 in English
Ecclesiastes 11:8 · Berean Standard Bible
So if a man lives many years, let him rejoice in them all. But let him remember the days of darkness, for they will be many. Everything to come is futile.
Context
6Dua wʼaba anɔpa,
na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho,
na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie,
sɛ yei anaa yei
anaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie. 7Hann yɛ fɛ;
na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ɔhunu owia. 8Mfeɛ dodoɔ a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa
ɛsɛ sɛ ɔnya ahotɔ.
Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne
na ɛbɛdɔɔso.
Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhudeɛ. 9Ma wʼani nnye, aberanteɛ, ɛberɛ a woyɛ ɔbabunu,
ma wʼakoma mma wo anigyeɛ wɔ wo mmeranteberɛ mu.
Di deɛ wʼakoma pɛ
ne deɛ wʼaniwa hunu akyi,
nanso hunu sɛ yeinom nyinaa ho
Onyankopɔn de wo bɛba atemmuo mu. 10Enti yi adwendwene biara firi wʼakoma mu
na to ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu,
ɛfiri sɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhudeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.