Native Bible

Ecclesiastes 11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Ɔsɛnkafoɔ 11
1To wo burodo gu nsuo ani, na daakye bi wo nsa bɛka bio. 2Kyekyɛ mu ma nnipa baason, mpo nnipa baawɔtwe, ɛfiri sɛ, wonnim amanehunu a ɛbɛba asase no so. 3Sɛ omununkum mu wɔ nsuo a, ɛtɔ gu asase so. Sɛ dua bi bu hwe anafoɔ fam anaa atifi fam a, deɛ ɛhweeɛ no, ɛhɔ ara na ɛbɛda. 4Obiara a ɔtwɛn ewiem nsakraeɛ no rennua, na deɛ ɔhwɛ omununkum no nso rentwa. 5Sɛdeɛ wonhunu ɛkwan a mframa nam soɔ, anaa sɛdeɛ wɔnwono onipadua wɔ yafunu mu no, saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase. Adeɛ nyinaa Yɛfoɔ no. 6Dua wʼaba anɔpa, na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho, na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, sɛ yei anaa yei anaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie. 7Hann yɛ fɛ; na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ɔhunu owia. 8Mfeɛ dodoɔ a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa ɛsɛ sɛ ɔnya ahotɔ. Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne na ɛbɛdɔɔso. Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhudeɛ. 9Ma wʼani nnye, aberanteɛ, ɛberɛ a woyɛ ɔbabunu, ma wʼakoma mma wo anigyeɛ wɔ wo mmeranteberɛ mu. Di deɛ wʼakoma pɛ ne deɛ wʼaniwa hunu akyi, nanso hunu sɛ yeinom nyinaa ho Onyankopɔn de wo bɛba atemmuo mu. 10Enti yi adwendwene biara firi wʼakoma mu na to ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu, ɛfiri sɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhudeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.