Ɔsɛnkafoɔ 11:4
Ecclesiastes 11:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Obiara a ɔtwɛn ewiem nsakraeɛ no rennua, na deɛ ɔhwɛ omununkum no nso rentwa.
Ecclesiastes 11:4 in English
Ecclesiastes 11:4 · Berean Standard Bible
He who watches the wind will fail to sow, and he who observes the clouds will fail to reap.
Context
2Kyekyɛ mu ma nnipa baason, mpo nnipa baawɔtwe,
ɛfiri sɛ, wonnim amanehunu a ɛbɛba asase no so. 3Sɛ omununkum mu wɔ nsuo a,
ɛtɔ gu asase so.
Sɛ dua bi bu hwe anafoɔ fam anaa atifi fam a,
deɛ ɛhweeɛ no, ɛhɔ ara na ɛbɛda. 4Obiara a ɔtwɛn ewiem nsakraeɛ no rennua,
na deɛ ɔhwɛ omununkum no nso rentwa. 5Sɛdeɛ wonhunu ɛkwan a mframa nam soɔ,
anaa sɛdeɛ wɔnwono onipadua wɔ yafunu mu no,
saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase.
Adeɛ nyinaa Yɛfoɔ no. 6Dua wʼaba anɔpa,
na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho,
na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie,
sɛ yei anaa yei
anaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.