Native Bible

Deuteronomy 33:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuo ho nie: “Nhyira nka obi a ɔtrɛ Gad mantam mu! Gad ayɛ krado sɛ gyata a ɔrebɛtu abasa anaa wate etire.

Deuteronomy 33:20 in English

Deuteronomy 33:20 · Berean Standard Bible

Concerning Gad he said: “Blessed is he who enlarges the domain of Gad! He lies down like a lion and tears off an arm or a head.

Context

18Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuo ho nie: “Sebulon asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo akwantuo biara mu. Isakar asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo fie ntomadan mu. 19Wɔfrɛ nnipa no kɔ bepɔ no so kɔbɔ afɔdeɛ a ɛdi mu wɔ hɔ. Wɔnya mfasoɔ firi ɛpo mu nnepa ne ademudeɛ a ahinta wɔ anwea mu.” 20Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuo ho nie: “Nhyira nka obi a ɔtrɛ Gad mantam mu! Gad ayɛ krado sɛ gyata a ɔrebɛtu abasa anaa wate etire. 21Gad nkurɔfoɔ gyee asase pa no maa wɔn ho; ɔkannifoɔ kyɛfa na wɔde maa wɔn. Ɛberɛ a nkurɔfoɔ no mpanimfoɔ hyiaeɛ no, wɔde Awurade atɛntenenee yɛɛ adwuma, na wɔdii mmara a wɔde maa Israelfoɔ no so.” 22Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuo ho nie: “Dan yɛ gyata ba a ɔrehurihuri firi Basan.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.