5 Mose 33:22
Deuteronomy 33:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuo ho nie: “Dan yɛ gyata ba a ɔrehurihuri firi Basan.”
Deuteronomy 33:22 in English
Deuteronomy 33:22 · Berean Standard Bible
Concerning Dan he said: “Dan is a lion’s cub, leaping out of Bashan.”
Context
20Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuo ho nie:
“Nhyira nka obi a ɔtrɛ Gad mantam mu!
Gad ayɛ krado sɛ gyata
a ɔrebɛtu abasa anaa wate etire. 21Gad nkurɔfoɔ gyee asase pa no maa wɔn ho;
ɔkannifoɔ kyɛfa na wɔde maa wɔn.
Ɛberɛ a nkurɔfoɔ no mpanimfoɔ hyiaeɛ no,
wɔde Awurade atɛntenenee yɛɛ adwuma,
na wɔdii mmara a wɔde maa Israelfoɔ no so.” 22Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuo ho nie:
“Dan yɛ gyata ba a
ɔrehurihuri firi Basan.” 23Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuo ho nie:
“Ao Naftali, wowɔ adom bebree
na Awurade nhyira ayɛ wo ma;
atɔeɛ fam ne anafoɔ fam bɛyɛ wo kyɛfa.” 24Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuo ho nie:
“Aser nnya animuonyam wɔ ne nuanom anim;
ne nuanom mfa anidie mma no;
wɔmfa ngo nsra ne nan ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.