Native Bible

Deuteronomy 33:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuo ho nie: “Sebulon asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo akwantuo biara mu. Isakar asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo fie ntomadan mu.

Deuteronomy 33:18 in English

Deuteronomy 33:18 · Berean Standard Bible

Concerning Zebulun he said: “Rejoice, Zebulun, in your journeys, and Issachar, in your tents.

Context

16ne akyɛdeɛ amapa dodoɔ a ɛfiri asase mu, ne adom a ɛfiri deɛ ɔpuee wɔ ogya a ɛrederɛ no mu. Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef so nhyɛ no ahenkyɛ wɔ ne nuanom mu. 17Yosef wɔ ahoɔden ne tumi sɛ nantwie ba. Nʼahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn. Ɔde bɛwowɔ akyirikyiri aman, apamo wɔn akɔ asase ano. Yei ne me nhyira a mede rema Efraim bebrebe ne Manase mpempem no.” 18Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuo ho nie: “Sebulon asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo akwantuo biara mu. Isakar asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo fie ntomadan mu. 19Wɔfrɛ nnipa no kɔ bepɔ no so kɔbɔ afɔdeɛ a ɛdi mu wɔ hɔ. Wɔnya mfasoɔ firi ɛpo mu nnepa ne ademudeɛ a ahinta wɔ anwea mu.” 20Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuo ho nie: “Nhyira nka obi a ɔtrɛ Gad mantam mu! Gad ayɛ krado sɛ gyata a ɔrebɛtu abasa anaa wate etire.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.