5 Mose 33:19
Deuteronomy 33:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔfrɛ nnipa no kɔ bepɔ no so kɔbɔ afɔdeɛ a ɛdi mu wɔ hɔ. Wɔnya mfasoɔ firi ɛpo mu nnepa ne ademudeɛ a ahinta wɔ anwea mu.”
Deuteronomy 33:19 in English
Deuteronomy 33:19 · Berean Standard Bible
They will call the peoples to a mountain; there they will offer sacrifices of righteousness. For they will feast on the abundance of the seas and the hidden treasures of the sand.”
Context
17Yosef wɔ ahoɔden ne tumi sɛ nantwie ba.
Nʼahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn.
Ɔde bɛwowɔ akyirikyiri aman,
apamo wɔn akɔ asase ano.
Yei ne me nhyira a
mede rema Efraim bebrebe
ne Manase mpempem no.” 18Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuo ho nie:
“Sebulon asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo akwantuo biara mu.
Isakar asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo fie ntomadan mu. 19Wɔfrɛ nnipa no kɔ bepɔ no so
kɔbɔ afɔdeɛ a ɛdi mu wɔ hɔ.
Wɔnya mfasoɔ firi ɛpo mu nnepa
ne ademudeɛ a ahinta wɔ anwea mu.” 20Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuo ho nie:
“Nhyira nka obi a ɔtrɛ Gad mantam mu!
Gad ayɛ krado sɛ gyata
a ɔrebɛtu abasa anaa wate etire. 21Gad nkurɔfoɔ gyee asase pa no maa wɔn ho;
ɔkannifoɔ kyɛfa na wɔde maa wɔn.
Ɛberɛ a nkurɔfoɔ no mpanimfoɔ hyiaeɛ no,
wɔde Awurade atɛntenenee yɛɛ adwuma,
na wɔdii mmara a wɔde maa Israelfoɔ no so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.