Native Bible

Deuteronomy 33:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ne nnepa a ɛnyini wɔ owia mu ne adonneɛ a ɛba ɔbosome biara mu;

Deuteronomy 33:14 in English

Deuteronomy 33:14 · Berean Standard Bible

with the bountiful harvest from the sun and the abundant yield of the seasons,

Context

12Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuo ho nie: “Awurade dɔ Benyamin nkurɔfoɔ na wɔnya banbɔ wɔ ne mu. Ɔtwa wɔn ho hyia ɛberɛ biara na ɔbɔ wɔn ho ban firi ɔhaw biara mu.” 13Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuo ho nie: “Awurade nhyira wɔn nsase; ɔmfa ne bosuo pa a ɛfiri sorosoro ne nsuo a ɛfiri asase ase pɛɛ no, 14ne nnepa a ɛnyini wɔ owia mu ne adonneɛ a ɛba ɔbosome biara mu; 15ne nnɔbaeɛ pa a ɛfiri tete mmepɔ mu ne deɛ abu so wɔ nkokoɔ a ɛtim hɔ daa mu 16ne akyɛdeɛ amapa dodoɔ a ɛfiri asase mu, ne adom a ɛfiri deɛ ɔpuee wɔ ogya a ɛrederɛ no mu. Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef so nhyɛ no ahenkyɛ wɔ ne nuanom mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.