5 Mose 33:15
Deuteronomy 33:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ne nnɔbaeɛ pa a ɛfiri tete mmepɔ mu ne deɛ abu so wɔ nkokoɔ a ɛtim hɔ daa mu
Deuteronomy 33:15 in English
Deuteronomy 33:15 · Berean Standard Bible
with the best of the ancient mountains and the bounty of the everlasting hills,
Context
13Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuo ho nie:
“Awurade nhyira wɔn nsase;
ɔmfa ne bosuo pa a ɛfiri sorosoro
ne nsuo a ɛfiri asase ase pɛɛ no, 14ne nnepa a ɛnyini wɔ owia mu
ne adonneɛ a ɛba ɔbosome biara mu; 15ne nnɔbaeɛ pa a ɛfiri tete mmepɔ mu
ne deɛ abu so wɔ nkokoɔ a ɛtim hɔ daa mu 16ne akyɛdeɛ amapa dodoɔ a ɛfiri asase mu,
ne adom a ɛfiri deɛ ɔpuee wɔ ogya a ɛrederɛ no mu.
Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef so
nhyɛ no ahenkyɛ wɔ ne nuanom mu. 17Yosef wɔ ahoɔden ne tumi sɛ nantwie ba.
Nʼahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn.
Ɔde bɛwowɔ akyirikyiri aman,
apamo wɔn akɔ asase ano.
Yei ne me nhyira a
mede rema Efraim bebrebe
ne Manase mpempem no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.