5 Mose 33:13
Deuteronomy 33:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuo ho nie: “Awurade nhyira wɔn nsase; ɔmfa ne bosuo pa a ɛfiri sorosoro ne nsuo a ɛfiri asase ase pɛɛ no,
Deuteronomy 33:13 in English
Deuteronomy 33:13 · Berean Standard Bible
Concerning Joseph he said: “May his land be blessed by the LORD with the precious dew from heaven above and the deep waters that lie beneath,
Context
11Hyira Lewifoɔ, Ao Awurade
na ma wɔn nnwuma nyinaa nsɔ wʼani.
Bubu wɔn atamfoɔ nnwonku;
bɔ wɔn atamfoɔ hwe fam a wɔnsɔre bio.” 12Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuo ho nie:
“Awurade dɔ Benyamin nkurɔfoɔ
na wɔnya banbɔ wɔ ne mu.
Ɔtwa wɔn ho hyia ɛberɛ biara
na ɔbɔ wɔn ho ban firi ɔhaw biara mu.” 13Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuo ho nie:
“Awurade nhyira wɔn nsase;
ɔmfa ne bosuo pa a ɛfiri sorosoro
ne nsuo a ɛfiri asase ase pɛɛ no, 14ne nnepa a ɛnyini wɔ owia mu
ne adonneɛ a ɛba ɔbosome biara mu; 15ne nnɔbaeɛ pa a ɛfiri tete mmepɔ mu
ne deɛ abu so wɔ nkokoɔ a ɛtim hɔ daa mu
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.