Native Bible

Deuteronomy 33:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuo ho nie: “Awurade dɔ Benyamin nkurɔfoɔ na wɔnya banbɔ wɔ ne mu. Ɔtwa wɔn ho hyia ɛberɛ biara na ɔbɔ wɔn ho ban firi ɔhaw biara mu.”

Deuteronomy 33:12 in English

Deuteronomy 33:12 · Berean Standard Bible

Concerning Benjamin he said: “May the beloved of the LORD rest secure in Him; God shields * him all day long, and upon His shoulders he rests.”

Context

10Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no. Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfoɔ. Wɔde aduhwam bɛba wʼanim Abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so. 11Hyira Lewifoɔ, Ao Awurade na ma wɔn nnwuma nyinaa nsɔ wʼani. Bubu wɔn atamfoɔ nnwonku; bɔ wɔn atamfoɔ hwe fam a wɔnsɔre bio.” 12Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuo ho nie: “Awurade dɔ Benyamin nkurɔfoɔ na wɔnya banbɔ wɔ ne mu. Ɔtwa wɔn ho hyia ɛberɛ biara na ɔbɔ wɔn ho ban firi ɔhaw biara mu.” 13Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuo ho nie: “Awurade nhyira wɔn nsase; ɔmfa ne bosuo pa a ɛfiri sorosoro ne nsuo a ɛfiri asase ase pɛɛ no, 14ne nnepa a ɛnyini wɔ owia mu ne adonneɛ a ɛba ɔbosome biara mu;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.