5 Mose 33:10
Deuteronomy 33:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no. Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfoɔ. Wɔde aduhwam bɛba wʼanim Abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so.
Deuteronomy 33:10 in English
Deuteronomy 33:10 · Berean Standard Bible
He will teach Your ordinances to Jacob and Your law to Israel; he will set incense before You and whole burnt offerings on Your altar.
Context
8Asɛm a Mose ka faa Lewi abusuakuo ho nie:
“Ao Awurade, wode ade kronkron
ama wʼasomfoɔ nokwafoɔ Lewifoɔ.
Wosɔɔ wɔn hwɛɛ wɔ Masa
wone wɔn koeɛ wɔ Meriba asuo ho. 9Lewifoɔ tiee wʼasɛm
bɔɔ wʼapam no ho ban.
Wɔdii wo nokorɛ
sene sɛdeɛ wɔdii wɔn awofoɔ,
wɔn abusuafoɔ ne wɔn mma nokorɛ. 10Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no.
Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfoɔ.
Wɔde aduhwam bɛba wʼanim
Abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so. 11Hyira Lewifoɔ, Ao Awurade
na ma wɔn nnwuma nyinaa nsɔ wʼani.
Bubu wɔn atamfoɔ nnwonku;
bɔ wɔn atamfoɔ hwe fam a wɔnsɔre bio.” 12Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuo ho nie:
“Awurade dɔ Benyamin nkurɔfoɔ
na wɔnya banbɔ wɔ ne mu.
Ɔtwa wɔn ho hyia ɛberɛ biara
na ɔbɔ wɔn ho ban firi ɔhaw biara mu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.