5 Mose 33:9
Deuteronomy 33:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Lewifoɔ tiee wʼasɛm bɔɔ wʼapam no ho ban. Wɔdii wo nokorɛ sene sɛdeɛ wɔdii wɔn awofoɔ, wɔn abusuafoɔ ne wɔn mma nokorɛ.
Deuteronomy 33:9 in English
Deuteronomy 33:9 · Berean Standard Bible
He said of his father and mother, ‘I do not consider them.’ He disregarded his brothers and did not know his own sons, for he kept * Your word and maintained Your covenant.
Context
7Asɛm a Mose ka faa Yuda abusuakuo ho nie:
“Tie Ao Awurade, tie Yuda sufrɛ
fa no brɛ ne nkurɔfoɔ.
Ɔde nʼankasa ahoɔden bɔ ne ho ban.
Yɛ ne ɔboafoɔ na tia nʼatamfoɔ!” 8Asɛm a Mose ka faa Lewi abusuakuo ho nie:
“Ao Awurade, wode ade kronkron
ama wʼasomfoɔ nokwafoɔ Lewifoɔ.
Wosɔɔ wɔn hwɛɛ wɔ Masa
wone wɔn koeɛ wɔ Meriba asuo ho. 9Lewifoɔ tiee wʼasɛm
bɔɔ wʼapam no ho ban.
Wɔdii wo nokorɛ
sene sɛdeɛ wɔdii wɔn awofoɔ,
wɔn abusuafoɔ ne wɔn mma nokorɛ. 10Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no.
Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfoɔ.
Wɔde aduhwam bɛba wʼanim
Abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so. 11Hyira Lewifoɔ, Ao Awurade
na ma wɔn nnwuma nyinaa nsɔ wʼani.
Bubu wɔn atamfoɔ nnwonku;
bɔ wɔn atamfoɔ hwe fam a wɔnsɔre bio.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.