Native Bible

Deuteronomy 33:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asɛm a Mose ka faa Yuda abusuakuo ho nie: “Tie Ao Awurade, tie Yuda sufrɛ fa no brɛ ne nkurɔfoɔ. Ɔde nʼankasa ahoɔden bɔ ne ho ban. Yɛ ne ɔboafoɔ na tia nʼatamfoɔ!”

Deuteronomy 33:7 in English

Deuteronomy 33:7 · Berean Standard Bible

And concerning Judah he said: “O LORD, hear the cry of Judah and bring him to his people. With his own hands he defends his cause, but may You be a help against his foes.”

Context

5Awurade yɛɛ ɔhene wɔ Yeshurun ɛberɛ a nnipa no ntuanofoɔ hyiaa Israel mmusuakuo no. 6“Ma Ruben nya nkwa. Mma nʼase ntɔre. Na ne mmarima nso, mma wɔn so nhwan.” 7Asɛm a Mose ka faa Yuda abusuakuo ho nie: “Tie Ao Awurade, tie Yuda sufrɛ fa no brɛ ne nkurɔfoɔ. Ɔde nʼankasa ahoɔden bɔ ne ho ban. Yɛ ne ɔboafoɔ na tia nʼatamfoɔ!” 8Asɛm a Mose ka faa Lewi abusuakuo ho nie: “Ao Awurade, wode ade kronkron ama wʼasomfoɔ nokwafoɔ Lewifoɔ. Wosɔɔ wɔn hwɛɛ wɔ Masa wone wɔn koeɛ wɔ Meriba asuo ho. 9Lewifoɔ tiee wʼasɛm bɔɔ wʼapam no ho ban. Wɔdii wo nokorɛ sene sɛdeɛ wɔdii wɔn awofoɔ, wɔn abusuafoɔ ne wɔn mma nokorɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.