Native Bible

Deuteronomy 32:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ Awurade dea; Yakob yɛ nʼagyapadeɛ sononko.

Deuteronomy 32:9 in English

Deuteronomy 32:9 · Berean Standard Bible

But the LORD’s portion is His people, Jacob His allotted inheritance.

Context

7Monkae tete nna; monnwene awoɔ ntoatoasoɔ a atwam ho. Mommisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo. Mommisa mo mpanimfoɔ na wɔbɛka akyerɛ mo. 8Ɛberɛ a Ɔsorosoroni kyekyɛɛ nsase maa amanaman, na ɔkyekyɛɛ adasamma mu no, ɔtotoo ahyeɛ maa nnipa no sɛdeɛ Israelfoɔ no ano sie. 9Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ Awurade dea; Yakob yɛ nʼagyapadeɛ sononko. 10Ɔhunuu wɔn wɔ ɛserɛ asase so Asase kesee a hwee nni so so. Ɔtwaa wɔn ho hyiaeɛ, hwɛɛ wɔn so; Wɛn wɔn sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo. 11Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne mma, na ɔbɔ mpɛmpɛn fa wɔn ho, saa ara na ɔtrɛɛ ne ntaban mu bumaa wɔn, sɔɔ wɔn mu den de wɔn tu kɔɔ soro.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.