5 Mose 32:10
Deuteronomy 32:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhunuu wɔn wɔ ɛserɛ asase so Asase kesee a hwee nni so so. Ɔtwaa wɔn ho hyiaeɛ, hwɛɛ wɔn so; Wɛn wɔn sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo.
Deuteronomy 32:10 in English
Deuteronomy 32:10 · Berean Standard Bible
He found him in a desert land, in a barren, howling wilderness; He surrounded him, He instructed him, He guarded him as the apple * of His eye.
Context
8Ɛberɛ a Ɔsorosoroni kyekyɛɛ nsase maa amanaman,
na ɔkyekyɛɛ adasamma mu no,
ɔtotoo ahyeɛ maa nnipa no
sɛdeɛ Israelfoɔ no ano sie. 9Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ Awurade dea;
Yakob yɛ nʼagyapadeɛ sononko. 10Ɔhunuu wɔn wɔ ɛserɛ asase so
Asase kesee a hwee nni so so.
Ɔtwaa wɔn ho hyiaeɛ, hwɛɛ wɔn so;
Wɛn wɔn sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo. 11Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne mma,
na ɔbɔ mpɛmpɛn fa wɔn ho,
saa ara na ɔtrɛɛ ne ntaban mu bumaa wɔn,
sɔɔ wɔn mu den de wɔn tu kɔɔ soro. 12Awurade nko na ɔkyerɛ wɔn ɛkwan.
Wɔtenaa ase a wɔnni ananafoɔ anyame biara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.