Native Bible

Deuteronomy 32:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monkae tete nna; monnwene awoɔ ntoatoasoɔ a atwam ho. Mommisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo. Mommisa mo mpanimfoɔ na wɔbɛka akyerɛ mo.

Deuteronomy 32:7 in English

Deuteronomy 32:7 · Berean Standard Bible

Remember the days of old; consider the years long past. Ask your father, and he will tell you, your elders, and they will inform you.

Context

5Nanso wɔayɛ amumuyɛsɛm atia no; sɛ wɔyɛ saa a, na wɔyɛ ne mma anaa? Wɔyɛ adaadaafoɔ ne nkyirimma kɔntɔnkye. 6Saa na ɛsɛ sɛ mo ne Awurade di no? Mo nkwaseafoɔ ne adwenemherɛfoɔ. Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfoɔ? Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinasoɔ? 7Monkae tete nna; monnwene awoɔ ntoatoasoɔ a atwam ho. Mommisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo. Mommisa mo mpanimfoɔ na wɔbɛka akyerɛ mo. 8Ɛberɛ a Ɔsorosoroni kyekyɛɛ nsase maa amanaman, na ɔkyekyɛɛ adasamma mu no, ɔtotoo ahyeɛ maa nnipa no sɛdeɛ Israelfoɔ no ano sie. 9Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ Awurade dea; Yakob yɛ nʼagyapadeɛ sononko.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.