Daniel 7:8
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛberɛ a megu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforɔ bi pueɛ wɔ mmɛn dada no ntam, na ɛtutuu mmɛn dada no mu mmiɛnsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so.
Daniel 7:8 in English
Daniel 7:8 · Berean Standard Bible
While I was contemplating the horns, suddenly another horn, a little one, came up among them, and three of the first horns were uprooted before it. This horn had eyes like those of a man and a mouth that spoke words of arrogance.
Context
6“Yei akyi no, mehunuu aboa foforɔ a ɔte sɛ ɔsebɔ. Na ɔwɔ ntaban ɛnan a ɛte sɛ nnomaa ntaban a ɛtuatua nʼakyi. Saa aboa yi wɔ tire ɛnan, na wɔmaa no tumi kɛseɛ. 7“Yei akyi no, mʼanisoadehunu anadwo no, mehunuu aboa a ɔtɔ so ɛnan a ne ho yɛ hu yie, na ne ho yɛ den nso. Ɔwɔ se akɛseɛ a ɛyɛ dadeɛ na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn na wawe, na afei ɔde ne nan tiatia nkaeɛ no so. Ɔda nso koraa wɔ mmoa nkaeɛ no mu. Na ɔwɔ mmɛn edu. 8“Ɛberɛ a megu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforɔ bi pueɛ wɔ mmɛn dada no ntam, na ɛtutuu mmɛn dada no mu mmiɛnsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so. 9“Megu so rehwɛ no,
“mehunuu sɛ, wɔde nhennwa bɛsisii hɔ,
na Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no bɛtenaa ase.
Na nʼatadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;
na ne tirinwi hoa sɛ odwan nwi.
Nʼahennwa dɛre sɛ ogyaframa
na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram. 10Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten
tene firii nʼanim baeɛ.
Abɔfoɔ mpempem kotoo no,
na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim.
Abadwafoɔ no tenaa ase,
na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.