Daniel 7:10
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten tene firii nʼanim baeɛ. Abɔfoɔ mpempem kotoo no, na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim. Abadwafoɔ no tenaa ase, na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu.
Daniel 7:10 in English
Daniel 7:10 · Berean Standard Bible
A river of fire was flowing, coming out from His presence. Thousands upon thousands attended Him, and myriads upon myriads stood before Him. The court was convened, and the books were opened.
Context
8“Ɛberɛ a megu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforɔ bi pueɛ wɔ mmɛn dada no ntam, na ɛtutuu mmɛn dada no mu mmiɛnsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so. 9“Megu so rehwɛ no,
“mehunuu sɛ, wɔde nhennwa bɛsisii hɔ,
na Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no bɛtenaa ase.
Na nʼatadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;
na ne tirinwi hoa sɛ odwan nwi.
Nʼahennwa dɛre sɛ ogyaframa
na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram. 10Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten
tene firii nʼanim baeɛ.
Abɔfoɔ mpempem kotoo no,
na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim.
Abadwafoɔ no tenaa ase,
na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu. 11“Na mekɔɔ so hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔkumm aboa no, na wɔtoo no twenee ogyaframa a ɛrederɛ framfram no mu. 12Mmoa a aka no nso, wɔgyee wɔn tumi firii wɔn nsam, ma wɔtenaa ase kyɛree kakra.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.