Daniel 7:12
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mmoa a aka no nso, wɔgyee wɔn tumi firii wɔn nsam, ma wɔtenaa ase kyɛree kakra.
Daniel 7:12 in English
Daniel 7:12 · Berean Standard Bible
As for the rest of the beasts, their dominion was removed, but they were granted an extension of life for a season and a time.
Context
10Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten
tene firii nʼanim baeɛ.
Abɔfoɔ mpempem kotoo no,
na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim.
Abadwafoɔ no tenaa ase,
na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu. 11“Na mekɔɔ so hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔkumm aboa no, na wɔtoo no twenee ogyaframa a ɛrederɛ framfram no mu. 12Mmoa a aka no nso, wɔgyee wɔn tumi firii wɔn nsam, ma wɔtenaa ase kyɛree kakra. 13“Anadwo a menyaa mʼanisoadehunu no, mehwɛ hunuu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no, wɔdii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. 14Wɔmaa no tumi, animuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahodoɔ nyinaa somm no. Nʼahennie yɛ daa ahennie a ɛtoɔ rentwa da. Nʼahemman yɛ deɛ ɛrensɛe da.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.